<< Wɔde akɔnɔdeɛ atwa ogya dareɛ no ho ahyia ɛna wɔde akyiwadeɛ atwa soro aheman ho ahyia>>
Abu Hurayrah Allah nnye no ntom kaa sɛ, Allah somafoɔ -Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no- kaa sɛ: << Wɔde akɔnɔdeɛ atwa ogya dareɛ no ho ahyia ɛna wɔde akyiwadeɛ atwa soro aheman ho ahyia>>.
صحيح
رواه البخاري
Explanation
Ɔkɔmhyɛni Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no reda no adi akyerɛ yɛn sɛ wɔde nneyɛɛ a ɔkra no pɛ na atwa ogya dareɛ no ho ahyia, te sɛ ɔreyɛ neɛ wabra anaa sɛ ɔregyae n'ahyɛdeɛ; Na neɛ ɔbɛdi ne kra akɔnɔdeɛ akyi no saa kwan yi so no, ogya dareɛ no ayɛ nhyɛ ama no. Na ɔsoro aheman no deɛ wɔde nneyɛɛ a ɔkra no kyiri na atwa ho ahyia; te sɛ worehyɛ wo ho so ayɛ neɛ wahyɛ wo na wagyae neɛ wabra wo; na wasi abotare wɔ saa kwan no so, na sɛ ɔtu ne ho kyɛ na ɔbɔ no ho mmɔden sɛ wɔ saa kwan no so a; ɔsoro aheman mu wura ayɛ nhyɛ wɔ no so.
Hadeeth benefits
Nneɛma a ɛma obi tɔ akɔnnɔdeɛ mu ne sɛ ɔbonsam bɛyɛ bɔne ne atantandeɛ fɛfɛɛfɛ wɔ n'ani so, kɔpem sɛ ɔkra no bɛhunu no sɛ adepa na akyim akɔ so.
Hyɛ a wɔrehyɛ yɛn sɛ yɛntwe yɛn ho mfiri akɔnnɔdeɛ a wabra yɛn ho; ɛfiri sɛ ɛyɛ ɔkwan a ɛrekɔ ogya dareɛ mu, na wasi abotare wɔ akyiwadeɛ ho, ɛfiri sɛ ɛno ne ɔkwan a ɛrekɔ ɔsoro aheman mu.
Su pa a ɛwɔ mu sɛ wobɛko nko den na wabɔ wo ho mmɔden wɔ nyamesom mu na wasi abotare wɔ akyiwadeɛ ne ahokyerɛ a atwa sotie ho ahyia no.
Nea ɔka ho / nea ɔyɛ bi
Use the QR code to easily share the message of Islam with others