The Encyclopedia of Ar-Rahman's Guests

Selected material for Pilgrims and Um-rah teaching it in languages of the world

Selected content

biom-so

Selected prophetic hadiths

Yɛnya firii Ibn Umar Nyame anni nnye wɔn mmienu ho sɛ ɔtee sɛ barima bi reka sɛ:Daabi,mede Ka’aba di nse,na Ibn Umar kaa sɛ:Daabi yɛmfa obi nni nse gye sɛ Nyankopɔn,efiri sɛ metee sɛ Nyame somafoɔ-Nyame nhyira ne asomdwoe nka reka sɛ: << Obibiara ɔbɛdi nse a ɛnyɛ Nyankopɔn no,ayi boniayɛ anaasɛ wayɛ mmataho >>.
صحيح
رواه أبو داود والترمذي وأحمد
Ibn Mas'ud Allah nnye no ntom kaa sɛ: ɔkɔmhyɛni -Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no- kaa sɛ: << Ɔsoro aheman bɛn mo mu binom sene sɛneɛ ne mpaboa ahoma bɛn no, sa ara nso na ogya dareɛ nso teɛ>>.
صحيح
رواه البخاري
Jabir Allah nnye no ntom kaa sɛ: metee sɛ Allah somafoɔ - Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no- reka sɛ: “Nkaakaeɛ a ɛyɛ sene biara ne sɛ: Onyame biara nni hɔ gye Allaah, na mpaeɛ a ɛyɛ sene biara ne sɛ: Ayeyi nka Onyankopɔn.”
حسن
رواه الترمذي والنسائي في الكبرى وابن ماجه
Abdullah bin Amr Allah nnye wɔn ntom kaa sɛ, Ɔkɔmhyɛni Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no kaa sɛ: <<Mommɔ dawuro mfa me nsɛm no ho; sɛ mpo ɛyɛ yikyerɛ koro pɛ mpo a, na monka atetesɛm a ɛfa Israel asefoɔ ho; ɛfiri sɛ akwansideɛ biara nni ho, na mmom neɛ ɔbɛtwa kontompo ato me so boapayɔ mu no deɛ; ɔmmɛ gye ne tenabrɛ wɔ ogya dareɛ no mu>>.
صحيح
رواه البخاري
Abii Huraira Onyame penie nka no aka sɛ: ɔkɔmhyɛni Mohammɛd Onyame nhyira ne asomdwoe nka no kaa sɛ: "Mma momfa mo afie nyɛ nna so,saa ara nso na momfa me nna so no nyɛ afahyɛ na mommɔ mpaeɛ mma me efiri sɛ mo mpaeɛ no bɛduru me hɔ baabi a mowɔ biara".
حسن
رواه أبو داود
biom-so